Psalms 55

Adamfo a nʼadamfo ayi no ama mpaebɔ

1O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ.
Nnan wo ho nkyerɛ me nkotosrɛ!
2Tie me na bua me!
Me dadwene ama mabrɛ.
3Mʼatamfo ahunahuna abɔ me hu na amumɔyɛfo nyadi abubu me.
Wɔma ɔhaw ba me so; wɔn bo afuw me, na wɔtan me.
4Mabɔ hu na owu ahunahuna abubu me.
5Ehu ne ahopopo akyekyere me.
Ahohuru afa me.
6Sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, anka metu akɔpɛ homebea akyirikyiri.
7Anka metu akɔ akyirikyiri akɔkyekyere fi wɔ sare so.
8Anka, ntɛm so, mɛpɛ hintabea afi mframa a ano yɛ den ne ahum ano.
9O Awurade!
Toto mʼatamfo kasa.
Mihu basabasayɛ wɔ kuropɔn no mu
10awia ne anadwo ama bɔne ne ɔhaw ahyɛ no ma.
11Amumɔyɛ wɔ baabiara.
Nsisi ne nnaadaa ahyɛ mmɔnten so ma.
12Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔreserew me a, anka metumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrehoahoa ne ho kyerɛ me a, anka metumi de me ho asie no.
13Nanso, ɛyɛ wo, me yɔnko pa.
14Me ne wo aka atirimsɛm asom wɔ Hyiadan baako mu.
15Mʼatamfo nwuwu ansa na wɔn bere aso.
Ma wɔnkɔ asaman anikan.
Bɔne wɔ wɔn afi ne wɔn koma mu.
16Nanso misu frɛ Awurade Nyankopɔn sɛ ɔmmoa me na obegye me nkwa nso.
17Anɔpa, awia, anadwo, me nsɛm ne mʼapinisi kɔ ne nkyɛn na ɔbɛte me nne.
18Ɔde me befi ɔko a mereko atia mʼatamfo dodow no mu no aba dwoodwoo.
19Onyankopɔn a wadi hene fi tete no betie me na wadi wɔn so efisɛ, wɔmpɛ sɛ wɔsakra, na wonsuro no nso.
20Me yɔnko a odi kan kɔɔ ne nnamfonom so.
Wanni ne bɔhyɛ so.
21Na nʼano asɛm yɛ dɛ sen wo, nanso na ɔtan wɔ ne koma mu.
Ne nsɛm yɛ brɛoo sɛ ngo, nanso etwa te sɛ nkrante a ɛyɛ nnam.
22Gyaa wo haw mu ma Awurade na ɔbɛko agye wo.
Ɔremma ɔnokwafo nni nkogu.
23Nanso, wo,
O Onyankopɔn, bɛma awudifo ne atorofo akɔ wɔn damoa mu ansa na wɔawie wɔn nkwa nna fa.
Me de, mede me ho meto wo so.
Copyright information for TwiNAK